Native Bible

Jeremiah 17:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere agyapadeɛ* a mede maa mo no. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ asase a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo, na ɛbɛtena hɔ daa.”

Jeremiah 17:4 in English

Jeremiah 17:4 · Berean Standard Bible

And you yourself will relinquish the inheritance that I gave you. I will enslave you to your enemies in a land that you do not know, for you have kindled My anger; it will burn forever.”

Context

2Mpo, wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne Asera afɔrebukyia a ɛwɔ nnua a adendan no nkyɛn ne nkokoɔ atentene no so. 3Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa, mede bɛma sɛ afodeɛ, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti. 4Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere agyapadeɛ* a mede maa mo no. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ asase a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo, na ɛbɛtena hɔ daa.” 5Sei na Awurade seɛ, “Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so, deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden na nʼakoma dane firi Awurade ho. 6Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so; sɛ yiedie ba a, ɔrenhunu, ɔbɛtena anweatam a awoɔ so, ne nkyene asase a obi nte soɔ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.