Native Bible

Jeremiah 17:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne, dadeɛ twerɛdua a ano te sɛ twerɛboɔ, wɔ wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so.

Jeremiah 17:1 in English

Jeremiah 17:1 · Berean Standard Bible

“The sin of Judah is written with an iron stylus, engraved with a diamond point on the tablets of their hearts and on the horns of their altars.

Context

1“Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne, dadeɛ twerɛdua a ano te sɛ twerɛboɔ, wɔ wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so. 2Mpo, wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne Asera afɔrebukyia a ɛwɔ nnua a adendan no nkyɛn ne nkokoɔ atentene no so. 3Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa, mede bɛma sɛ afodeɛ, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.