Yeremia 12:8
Jeremiah 12:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ gyata a ɔwɔ kwaeɛm. Ɔbobɔ mu gu me so; ɛno enti metane no.
Jeremiah 12:8 in English
Jeremiah 12:8 · Berean Standard Bible
My inheritance has become to Me like a lion in the forest. She has roared against Me; therefore I hate her.
Context
6Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ,
wɔn mpo ayi wo ama;
wɔteam denden tia wo.
Sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a,
mfa wo ho nto wɔn so. 7“Magya me nkurɔfoɔ,
mato mʼagyapadeɛ agu;
mede deɛ medɔ noɔ no
bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa. 8Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ
gyata a ɔwɔ kwaeɛm.
Ɔbobɔ mu gu me so;
ɛno enti metane no. 9Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa a
nkekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa,
nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no.
Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano.
Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn. 10Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo,
na wɔatiatia me mfuo so;
wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ no
ayɛ no asase wesee a ada mpan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.