Native Bible

Jeremiah 12:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Magya me nkurɔfoɔ, mato mʼagyapadeɛ agu; mede deɛ medɔ noɔ no bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa.

Jeremiah 12:7 in English

Jeremiah 12:7 · Berean Standard Bible

I have forsaken My house; I have abandoned My inheritance. I have given the love of My life into the hands of her enemies.

Context

5“Sɛ wo ne mmarima tu mmirika na sɛ wɔma wo abrɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan? Sɛ wosunti wɔ asase petee so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu? 6Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ, wɔn mpo ayi wo ama; wɔteam denden tia wo. Sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a, mfa wo ho nto wɔn so. 7“Magya me nkurɔfoɔ, mato mʼagyapadeɛ agu; mede deɛ medɔ noɔ no bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa. 8Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ gyata a ɔwɔ kwaeɛm. Ɔbobɔ mu gu me so; ɛno enti metane no. 9Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa a nkekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa, nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no. Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano. Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.