Native Bible

Jeremiah 12:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sɛ wo ne mmarima tu mmirika na sɛ wɔma wo abrɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan? Sɛ wosunti wɔ asase petee so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?

Jeremiah 12:5 in English

Jeremiah 12:5 · Berean Standard Bible

“If you have raced with men on foot and they have worn you out, how can you compete with horses? If you stumble in a peaceful land, how will you do in the thickets of the Jordan?

Context

3Nanso, wonim me, Ao Awurade; wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho hwɛ. Twe wɔn kɔ sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn! Yi wɔn si nkyɛn ma okum da! 4Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn? Prama so ɛserɛ no mpo adwan. Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumuyɛfoɔ enti mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu. Na nnipa no da so ka sɛ, “Ɔrenhunu deɛ ɛba yɛn so.” 5“Sɛ wo ne mmarima tu mmirika na sɛ wɔma wo abrɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan? Sɛ wosunti wɔ asase petee so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu? 6Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ, wɔn mpo ayi wo ama; wɔteam denden tia wo. Sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a, mfa wo ho nto wɔn so. 7“Magya me nkurɔfoɔ, mato mʼagyapadeɛ agu; mede deɛ medɔ noɔ no bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.