Yeremia 12:10
Jeremiah 12:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo, na wɔatiatia me mfuo so; wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ no ayɛ no asase wesee a ada mpan.
Jeremiah 12:10 in English
Jeremiah 12:10 · Berean Standard Bible
Many shepherds have destroyed My vineyard; they have trampled My plot of ground. They have turned My pleasant field into a desolate wasteland.
Context
8Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ
gyata a ɔwɔ kwaeɛm.
Ɔbobɔ mu gu me so;
ɛno enti metane no. 9Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa a
nkekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa,
nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no.
Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano.
Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn. 10Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo,
na wɔatiatia me mfuo so;
wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ no
ayɛ no asase wesee a ada mpan. 11Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a
awo wesee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim;
asase no nyinaa bɛda mpan
ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ soɔ. 12Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no,
asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree,
Awurade akofena bɛkunkum wɔn
afiri asase ano de akɔsi ano nohoa;
obiara remfa ne ho nni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.