Yeremia 12:13
Jeremiah 12:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ; wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee. Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho. Awurade abufuhyeɛ nti.”
Jeremiah 12:13 in English
Jeremiah 12:13 · Berean Standard Bible
They have sown wheat but harvested thorns. They have exhausted themselves to no avail. Bear the shame of your harvest because of the fierce anger of the LORD.”
Context
11Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a
awo wesee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim;
asase no nyinaa bɛda mpan
ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ soɔ. 12Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no,
asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree,
Awurade akofena bɛkunkum wɔn
afiri asase ano de akɔsi ano nohoa;
obiara remfa ne ho nni. 13Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ;
wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee.
Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho.
Awurade abufuhyeɛ nti.” 14Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu. 15Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.