Native Bible

Jeremiah 12:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so.

Jeremiah 12:15 in English

Jeremiah 12:15 · Berean Standard Bible

But after I have uprooted them, I will once again have compassion on them and return each one to his inheritance and to his land.

Context

13Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ; wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee. Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho. Awurade abufuhyeɛ nti.” 14Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu. 15Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so. 16Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu. 17Nanso, sɛ ɔman bi antie a, mɛtu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ɔseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.