Yeremia 12:14
Jeremiah 12:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu.
Jeremiah 12:14 in English
Jeremiah 12:14 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “As for all My evil neighbors who attack the inheritance that I bequeathed to My people Israel, I am about to uproot them from their land, and I will uproot the house of Judah from among them.
Context
12Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no,
asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree,
Awurade akofena bɛkunkum wɔn
afiri asase ano de akɔsi ano nohoa;
obiara remfa ne ho nni. 13Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ;
wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee.
Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho.
Awurade abufuhyeɛ nti.” 14Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu. 15Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so. 16Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.