Yeremia 10:8
Jeremiah 10:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ; dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.
Jeremiah 10:8 in English
Jeremiah 10:8 · Berean Standard Bible
But they are altogether senseless and foolish, instructed by worthless idols made of wood!
Context
6Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade;
woyɛ kɛseɛ
na wo din wɔ tumi. 7Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni,
Ao, amansanhene?
Yei na ɛfata woɔ.
Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu
ne wɔn ahennie nyinaa mu,
obiara ne wo nsɛ. 8Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ;
dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ. 9Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba
ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba.
Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ
a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no.
Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma. 10Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no;
ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no.
Sɛ ne bo fu a, asase woso;
na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.