Native Bible

Jeremiah 10:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni, Ao, amansanhene? Yei na ɛfata woɔ. Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ.

Jeremiah 10:7 in English

Jeremiah 10:7 · Berean Standard Bible

Who would not fear You, O King of nations? This is Your due. For among all the wise men of the nations, and in all their kingdoms, there is none like You.

Context

5Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu, wɔn ahoni no ntumi nkasa; ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn ɛfiri sɛ wɔntumi nnante. Monnsuro wɔn; wɔrentumi nha mo na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.” 6Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade; woyɛ kɛseɛ na wo din wɔ tumi. 7Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni, Ao, amansanhene? Yei na ɛfata woɔ. Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ. 8Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ; dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ. 9Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba. Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.