Native Bible

Jeremiah 10:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba. Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma.

Jeremiah 10:9 in English

Jeremiah 10:9 · Berean Standard Bible

Hammered silver is brought from Tarshish, and gold from Uphaz— the work of a craftsman from the hands of a goldsmith. Their clothes are blue and purple, all fashioned by skilled workers.

Context

7Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni, Ao, amansanhene? Yei na ɛfata woɔ. Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ. 8Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ; dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ. 9Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba. Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma. 10Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no. Sɛ ne bo fu a, asase woso; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano. 11“Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.