Native Bible

Jeremiah 10:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ. Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan; ɛno enti ɛnsi wɔn yie na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete.

Jeremiah 10:21 in English

Jeremiah 10:21 · Berean Standard Bible

For the shepherds have become senseless; they do not seek the LORD. Therefore they have not prospered, and all their flock is scattered.

Context

19Me pira yi enti mennue; mʼapirakuro yɛ koankorɔ! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.” 20Wɔasɛe me ntomadan; wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio; anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ. 21Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ. Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan; ɛno enti ɛnsi wɔn yie na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete. 22Montie! Amaneɛ no reba, basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan, na ayɛ sakraman atuo. 23Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.