Yeremia 10:23
Jeremiah 10:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo.
Jeremiah 10:23 in English
Jeremiah 10:23 · Berean Standard Bible
I know, O LORD, that a man’s way is not his own; no one who walks directs his own steps.
Context
21Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ.
Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan;
ɛno enti ɛnsi wɔn yie
na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete. 22Montie! Amaneɛ no reba,
basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so!
Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan,
na ayɛ sakraman atuo. 23Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea;
na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo. 24Tene me so, Awurade, wɔ tenenee mu,
mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼaso
anyɛ saa a, mɛwu. 25Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanaman
a wɔnnye wo ntom no so,
nnipa a wɔmmɔ wo din no so.
Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakob
wɔasɛe no koraa
na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.