Native Bible

Jeremiah 10:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Montie! Amaneɛ no reba, basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan, na ayɛ sakraman atuo.

Jeremiah 10:22 in English

Jeremiah 10:22 · Berean Standard Bible

Listen! The sound of a report is coming— a great commotion from the land to the north. The cities of Judah will be made a desolation, a haunt for jackals.*

Context

20Wɔasɛe me ntomadan; wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio; anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ. 21Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ. Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan; ɛno enti ɛnsi wɔn yie na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete. 22Montie! Amaneɛ no reba, basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan, na ayɛ sakraman atuo. 23Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo. 24Tene me so, Awurade, wɔ tenenee mu, mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼaso anyɛ saa a, mɛwu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.