Yeremia 10:20
Jeremiah 10:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔasɛe me ntomadan; wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio; anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ.
Jeremiah 10:20 in English
Jeremiah 10:20 · Berean Standard Bible
My tent is destroyed, and all its ropes are snapped. My sons have departed from me and are no more. I have no one left to pitch my tent or set up my curtains.
Context
18Na yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn a
wɔtete asase yi so atwene;
mede amanehunu bɛba wɔn so
sɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.” 19Me pira yi enti mennue;
mʼapirakuro yɛ koankorɔ!
Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,
“Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.” 20Wɔasɛe me ntomadan;
wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu.
Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio;
anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan
anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ. 21Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ.
Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan;
ɛno enti ɛnsi wɔn yie
na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete. 22Montie! Amaneɛ no reba,
basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so!
Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan,
na ayɛ sakraman atuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.