Native Bible

Jeremiah 10:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me pira yi enti mennue; mʼapirakuro yɛ koankorɔ! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.”

Jeremiah 10:19 in English

Jeremiah 10:19 · Berean Standard Bible

Woe to me because of my brokenness; my wound is grievous! But I said, “This is truly my sickness, and I must bear it.”

Context

17Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so, mo a motete nkuro a wɔatua mu. 18Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn a wɔtete asase yi so atwene; mede amanehunu bɛba wɔn so sɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.” 19Me pira yi enti mennue; mʼapirakuro yɛ koankorɔ! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.” 20Wɔasɛe me ntomadan; wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio; anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ. 21Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ. Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan; ɛno enti ɛnsi wɔn yie na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.