Yeremia 10:17
Jeremiah 10:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so, mo a motete nkuro a wɔatua mu.
Jeremiah 10:17 in English
Jeremiah 10:17 · Berean Standard Bible
Gather up your belongings from this land, you who live under siege.
Context
15Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma.
Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. 16Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,
ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ,
a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho,
Asafo Awurade ne ne din. 17Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so,
mo a motete nkuro a wɔatua mu. 18Na yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn a
wɔtete asase yi so atwene;
mede amanehunu bɛba wɔn so
sɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.” 19Me pira yi enti mennue;
mʼapirakuro yɛ koankorɔ!
Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,
“Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.