Yeremia 10:15
Jeremiah 10:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma. Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.
Jeremiah 10:15 in English
Jeremiah 10:15 · Berean Standard Bible
They are worthless, a work to be mocked. In the time of their punishment they will perish.
Context
13Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom;
ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.
Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba
na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu. 14Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;
sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti.
Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;
wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu. 15Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma.
Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. 16Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,
ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ,
a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho,
Asafo Awurade ne ne din. 17Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so,
mo a motete nkuro a wɔatua mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.