Yeremia 10:13
Jeremiah 10:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu.
Jeremiah 10:13 in English
Jeremiah 10:13 · Berean Standard Bible
When He thunders, the waters in the heavens roar; He causes the clouds to rise from the ends of the earth. He generates the lightning with the rain and brings forth the wind from His storehouses.
Context
11“Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’ ” 12Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu
na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. 13Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom;
ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.
Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba
na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu. 14Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;
sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti.
Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;
wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu. 15Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma.
Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.