Native Bible

Jeremiah 10:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.

Jeremiah 10:12 in English

Jeremiah 10:12 · Berean Standard Bible

The LORD made the earth by His power; He established the world by His wisdom and stretched out the heavens by His understanding.

Context

10Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no. Sɛ ne bo fu a, asase woso; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano. 11“Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’ ” 12Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. 13Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu. 14Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.