Native Bible

Jeremiah 10:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu.

Jeremiah 10:14 in English

Jeremiah 10:14 · Berean Standard Bible

Every man is senseless and devoid of knowledge; every goldsmith is put to shame by his idols. For his molten images are a fraud, and there is no breath in them.

Context

12Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu. 13Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu. 14Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu. 15Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma. Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera. 16Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ, a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho, Asafo Awurade ne ne din.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.