Native Bible

Isaiah 9:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.

Isaiah 9:16 in English

Isaiah 9:16 · Berean Standard Bible

For those who guide this people mislead them, and those they mislead are swallowed up.

Context

14Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa; 15mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no, na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no. 16Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan. 17Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho, na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ. Ano biara ka ahuhusɛm. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na ne nsa da so wɔ soro. 18Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.