Yesaia 9:17
Isaiah 9:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho, na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ. Ano biara ka ahuhusɛm. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
Isaiah 9:17 in English
Isaiah 9:17 · Berean Standard Bible
Therefore the Lord takes no pleasure in their young men; He has no compassion on their fatherless and widows. For every one of them is godless and wicked, and every mouth speaks folly. Despite all this, His anger is not turned away; His hand is still upraised.
Context
15mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no,
na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no. 16Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa,
na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan. 17Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho,
na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ
ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ.
Ano biara ka ahuhusɛm.
Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,
na ne nsa da so wɔ soro. 18Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya;
ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ,
ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no,
na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro. 19Asafo Awurade abufuo so enti,
asase no bɛkyene
na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no;
na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.