Native Bible

Isaiah 9:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.

Isaiah 9:18 in English

Isaiah 9:18 · Berean Standard Bible

For wickedness burns like a fire that consumes the thorns and briers and kindles the forest thickets which roll upward in billows of smoke.

Context

16Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan. 17Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho, na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ. Ano biara ka ahuhusɛm. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na ne nsa da so wɔ soro. 18Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro. 19Asafo Awurade abufuo so enti, asase no bɛkyene na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no. 20Nifa so, wɔbɛfom aduane adi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn; benkum so, wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Obiara bɛwe ne ba ɛnam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.