Yesaia 66:13
Isaiah 66:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.”
Isaiah 66:13 in English
Isaiah 66:13 · Berean Standard Bible
As a mother comforts her son, so will I comfort you, and you will be consoled over Jerusalem.”
Context
11Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ
no amee;
mobɛnom aboro so
na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho. 12Na yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Mede asomdwoeɛ bɛma no sɛ asubɔnten,
ne amanaman no ahonya nso sɛ asutene a ayiri.
Mobɛnum na waturu mo wɔ ne basa so
na ɔbɛgye mo agorɔ wɔ nʼanankoroma so. 13Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no
saa ara na mɛkyekye mo werɛ;
na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.” 14Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye
na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ;
wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so,
nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so. 15Hwɛ, Awurade de ogya reba,
na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa;
ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so,
na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.