Native Bible

Isaiah 66:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ no amee; mobɛnom aboro so na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho.

Isaiah 66:11 in English

Isaiah 66:11 · Berean Standard Bible

so that you may nurse and be satisfied at her comforting breasts; you may drink deeply and delight yourselves in her glorious abundance.

Context

9Mede obi bɛduru awokoɔ ano a memma no nwo anaa?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mesi awotwaa ano ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?” Wo Onyankopɔn na ɔseɛ. 10Mo ne Yerusalem ani nnye na monni ahurisie mma no, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no nsɛpɛ mo ho yie, mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa. 11Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ no amee; mobɛnom aboro so na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho. 12Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mede asomdwoeɛ bɛma no sɛ asubɔnten, ne amanaman no ahonya nso sɛ asutene a ayiri. Mobɛnum na waturu mo wɔ ne basa so na ɔbɛgye mo agorɔ wɔ nʼanankoroma so. 13Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.