Native Bible

Isaiah 66:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwɛ, Awurade de ogya reba, na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa; ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so, na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka.

Isaiah 66:15 in English

Isaiah 66:15 · Berean Standard Bible

For behold, the LORD will come with fire— His chariots are like a whirlwind— to execute His anger with fury and His rebuke with flames of fire.

Context

13Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.” 14Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ; wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so, nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so. 15Hwɛ, Awurade de ogya reba, na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa; ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so, na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka. 16Ogya ne nʼakofena na Awurade de bɛbu nnipa nyinaa atɛn, na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree. 17“Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho de kɔ nturo mu kɔsom abosom no, na wɔwe prakonam ne akusie ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ no, wɔn nyinaa bɛhunu wɔn awieeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.