Native Bible

Isaiah 66:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ; wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so, nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so.

Isaiah 66:14 in English

Isaiah 66:14 · Berean Standard Bible

When you see, you will rejoice, and you will flourish like grass; then the hand of the LORD will be revealed to His servants, but His wrath will be shown to His enemies.

Context

12Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mede asomdwoeɛ bɛma no sɛ asubɔnten, ne amanaman no ahonya nso sɛ asutene a ayiri. Mobɛnum na waturu mo wɔ ne basa so na ɔbɛgye mo agorɔ wɔ nʼanankoroma so. 13Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.” 14Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ; wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so, nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so. 15Hwɛ, Awurade de ogya reba, na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa; ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so, na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka. 16Ogya ne nʼakofena na Awurade de bɛbu nnipa nyinaa atɛn, na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.