Native Bible

Isaiah 64:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ.

Isaiah 64:9 in English

Isaiah 64:9 · Berean Standard Bible

Do not be angry, O LORD, beyond measure; do not remember our iniquity forever. Oh, look upon us, we pray; we are all Your people!

Context

7Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu; ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe. 8Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma. 9Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ. 10Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam; Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan. 11Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahye, na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.