Yesaia 64:8
Isaiah 64:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
Isaiah 64:8 in English
Isaiah 64:8 · Berean Standard Bible
But now, O LORD, You are our Father; we are the clay, and You are the potter; we are all the work of Your hand.
Context
6Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ,
na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi;
yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan,
na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa. 7Obiara mmɔ wo din,
na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu;
ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn
na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe. 8Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya.
Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no;
yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma. 9Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade;
nkae yɛn bɔne da biara da.
Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,
ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ. 10Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam;
Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.