Yesaia 64:10
Isaiah 64:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam; Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan.
Isaiah 64:10 in English
Isaiah 64:10 · Berean Standard Bible
Your holy cities have become a wilderness. Zion has become a wasteland and Jerusalem a desolation.
Context
8Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya.
Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no;
yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma. 9Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade;
nkae yɛn bɔne da biara da.
Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,
ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ. 10Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam;
Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan. 11Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no,
wɔde ogya ahye,
na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu. 12Yei nyinaa akyi, Ao Awurade wo de wo ho bɛkame yɛn anaa?
Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.