Native Bible

Isaiah 64:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahye, na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu.

Isaiah 64:11 in English

Isaiah 64:11 · Berean Standard Bible

Our holy and beautiful temple, where our fathers praised You, has been burned with fire, and all that was dear to us lies in ruins.

Context

9Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ. 10Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam; Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan. 11Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no, wɔde ogya ahye, na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu. 12Yei nyinaa akyi, Ao Awurade wo de wo ho bɛkame yɛn anaa? Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.