Native Bible

Isaiah 64:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu; ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe.

Isaiah 64:7 in English

Isaiah 64:7 · Berean Standard Bible

No one calls on Your name or strives to take hold of You. For You have hidden Your face from us and delivered us into the hand * of our iniquity.

Context

5Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no, wo bo fuiɛ. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa? 6Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ, na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi; yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa. 7Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu; ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe. 8Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma. 9Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade; nkae yɛn bɔne da biara da. Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.