Native Bible

Isaiah 64:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ, na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi; yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.

Isaiah 64:6 in English

Isaiah 64:6 · Berean Standard Bible

Each of us has become like something unclean, and all our righteous acts are like filthy rags;* we all wither like a leaf, and our iniquities carry us away like the wind.

Context

4Ɛfiri teteete obiara nteeɛ, ɛntwaa obiara aso mu, ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo, deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no. 5Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no, wo bo fuiɛ. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa? 6Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ, na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi; yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa. 7Obiara mmɔ wo din, na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu; ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe. 8Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.