Native Bible

Isaiah 64:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri teteete obiara nteeɛ, ɛntwaa obiara aso mu, ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo, deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no.

Isaiah 64:4 in English

Isaiah 64:4 · Berean Standard Bible

From ancient times no one has heard, no ear has perceived, no eye has seen any God besides You, who acts on behalf of those who wait for Him.*

Context

2Sɛdeɛ ogya ma mmabaa dɛre na ɛma nsuo huru no, siane bra fam na ma wʼatamfoɔ nhunu wo din na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim! 3Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no, wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim. 4Ɛfiri teteete obiara nteeɛ, ɛntwaa obiara aso mu, ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo, deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no. 5Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no, wo bo fuiɛ. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa? 6Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ, na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi; yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan, na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.