Native Bible

Isaiah 64:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no, wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim.

Isaiah 64:3 in English

Isaiah 64:3 · Berean Standard Bible

When You did awesome works that we did not expect, You came down, and the mountains trembled at Your presence.

Context

1Ao, sɛ anka wobɛsunsuane ɔsorosoro mu, asiane aba fam a, ɛno na anka mmepɔ no ho bɛpopo wɔ wʼanim! 2Sɛdeɛ ogya ma mmabaa dɛre na ɛma nsuo huru no, siane bra fam na ma wʼatamfoɔ nhunu wo din na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim! 3Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no, wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim. 4Ɛfiri teteete obiara nteeɛ, ɛntwaa obiara aso mu, ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo, deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no. 5Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene, wɔn a wɔkae wʼakwan. Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no, wo bo fuiɛ. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.