Native Bible

Isaiah 60:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn pirebuo mu yi?

Isaiah 60:8 in English

Isaiah 60:8 · Berean Standard Bible

Who are these who fly like clouds, like doves to their shelters?

Context

6Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa. Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam na wɔpae mu ka Awurade ayɛyie. 7Wɔbɛboaboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot nnwennini bɛsom wo; wɔbɛgye wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mʼafɔrebukyia so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no animuonyam. 8“Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn pirebuo mu yi? 9Ampa ara nsupɔ no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wɔdi anim, wɔde wo mmammarima fifiri akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Onyankopɔn animuonyam, Israel Kronkronni No, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam. 10“Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ, nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.