Native Bible

Isaiah 60:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛboaboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot nnwennini bɛsom wo; wɔbɛgye wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mʼafɔrebukyia so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no animuonyam.

Isaiah 60:7 in English

Isaiah 60:7 · Berean Standard Bible

All the flocks of Kedar will be gathered to you; the rams of Nebaioth will serve you and go up on My altar with acceptance; I will adorn My glorious house.

Context

5Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate, wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn. 6Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa. Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam na wɔpae mu ka Awurade ayɛyie. 7Wɔbɛboaboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot nnwennini bɛsom wo; wɔbɛgye wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mʼafɔrebukyia so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no animuonyam. 8“Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn pirebuo mu yi? 9Ampa ara nsupɔ no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wɔdi anim, wɔde wo mmammarima fifiri akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Onyankopɔn animuonyam, Israel Kronkronni No, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.