Yesaia 60:5
Isaiah 60:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate, wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn.
Isaiah 60:5 in English
Isaiah 60:5 · Berean Standard Bible
Then you will look and be radiant, and your heart will tremble and swell with joy, because the riches of the sea will be brought to you, and the wealth of the nations will come to you.
Context
3Amanaman bɛba wo hann no mu,
na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo. 4“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia:
wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn;
wo mmammarima fifiri akyirikyiri,
na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so. 5Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate,
wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma;
ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo,
na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn. 6Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma,
yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa.
Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba,
wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam
na wɔpae mu ka Awurade ayɛyie. 7Wɔbɛboaboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo,
Nebaiot nnwennini bɛsom wo;
wɔbɛgye wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mʼafɔrebukyia so,
na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.