Native Bible

Isaiah 60:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmammarima fifiri akyirikyiri, na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so.

Isaiah 60:4 in English

Isaiah 60:4 · Berean Standard Bible

Lift up your eyes and look around: They all gather and come to you; your sons will come from afar, and your daughters will be carried on the arm.

Context

2Hwɛ, esum akata asase so na esum kabii akata aman no so, nanso Awurade apue wo so na nʼanimuonyam ada adi wɔ wo so. 3Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo. 4“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmammarima fifiri akyirikyiri, na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so. 5Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate, wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn. 6Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa. Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam na wɔpae mu ka Awurade ayɛyie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.