Yesaia 60:2
Isaiah 60:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, esum akata asase so na esum kabii akata aman no so, nanso Awurade apue wo so na nʼanimuonyam ada adi wɔ wo so.
Isaiah 60:2 in English
Isaiah 60:2 · Berean Standard Bible
For behold, darkness covers the earth, and thick darkness is over the peoples; but the LORD will rise upon you, and His glory will appear over you.
Context
1“Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba,
na Awurade animuonyam apue wo so. 2Hwɛ, esum akata asase so
na esum kabii akata aman no so,
nanso Awurade apue wo so
na nʼanimuonyam ada adi wɔ wo so. 3Amanaman bɛba wo hann no mu,
na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo. 4“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia:
wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn;
wo mmammarima fifiri akyirikyiri,
na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.