Yesaia 60:10
Isaiah 60:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ, nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ.
Isaiah 60:10 in English
Isaiah 60:10 · Berean Standard Bible
Foreigners will rebuild your walls, and their kings will serve you. Although I struck you in anger, yet in favor I will show you mercy.
Context
8“Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ omununkum,
te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn pirebuo mu yi? 9Ampa ara nsupɔ no ani da me so;
Tarsis ahyɛn na wɔdi anim,
wɔde wo mmammarima fifiri akyirikyiri reba,
wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ,
de rebɛhyɛ Awurade, wo Onyankopɔn animuonyam,
Israel Kronkronni No,
ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam. 10“Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio,
na wɔn ahemfo bɛsom wo.
Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ,
nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ. 11Wʼapono ano bɛdeda hɔ ɛberɛ biara,
wɔrentoto mu awia anaa anadwo,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo,
a wɔn ahemfo di nkonimdie santen no anim. 12Na ɔman anaa ahennie a wɔrensom wo no bɛyera,
wɔbɛsɛe no pasaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.