Native Bible

Isaiah 60:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔman anaa ahennie a wɔrensom wo no bɛyera, wɔbɛsɛe no pasaa.

Isaiah 60:12 in English

Isaiah 60:12 · Berean Standard Bible

For the nation or kingdom that will not serve you will perish; it will be utterly destroyed.

Context

10“Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ, nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ. 11Wʼapono ano bɛdeda hɔ ɛberɛ biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, a wɔn ahemfo di nkonimdie santen no anim. 12Na ɔman anaa ahennie a wɔrensom wo no bɛyera, wɔbɛsɛe no pasaa. 13“Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbɔ mu, abɛsiesie me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ beaeɛ a menan sisi no animuonyam. 14Wo nhyɛsofoɔ mmammarima bɛba abɛkoto wo; wɔn a wɔbu wo animtia nyinaa bɛkoto wo nan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.