Yesaia 60:14
Isaiah 60:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo nhyɛsofoɔ mmammarima bɛba abɛkoto wo; wɔn a wɔbu wo animtia nyinaa bɛkoto wo nan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion.
Isaiah 60:14 in English
Isaiah 60:14 · Berean Standard Bible
The sons of your oppressors will come and bow down to you; all who reviled you will fall facedown at your feet and call you the City of the LORD, Zion of the Holy One of Israel.
Context
12Na ɔman anaa ahennie a wɔrensom wo no bɛyera,
wɔbɛsɛe no pasaa. 13“Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn,
pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbɔ mu,
abɛsiesie me kronkronbea hɔ;
na mɛhyɛ beaeɛ a menan sisi no animuonyam. 14Wo nhyɛsofoɔ mmammarima bɛba abɛkoto wo;
wɔn a wɔbu wo animtia nyinaa bɛkoto wo nan ase
na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn,
Israel Kronkronni, Sion. 15“Ɛwom sɛ wɔapa wʼakyi atane wo,
a obiara ntu kwan mfa wo mu,
nanso mɛyɛ wo ahohoahoadeɛ a ɛte hɔ daa
ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anigyedeɛ. 16Wobɛnom amanaman nufosuo no
na woanum adehyeɛ nufoɔ.
Afei wobɛhunu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa,
wo gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.