Native Bible

Isaiah 60:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛwom sɛ wɔapa wʼakyi atane wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoadeɛ a ɛte hɔ daa ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anigyedeɛ.

Isaiah 60:15 in English

Isaiah 60:15 · Berean Standard Bible

Whereas you have been forsaken and despised, with no one passing through, I will make you an everlasting pride, a joy from age to age.

Context

13“Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbɔ mu, abɛsiesie me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ beaeɛ a menan sisi no animuonyam. 14Wo nhyɛsofoɔ mmammarima bɛba abɛkoto wo; wɔn a wɔbu wo animtia nyinaa bɛkoto wo nan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion. 15“Ɛwom sɛ wɔapa wʼakyi atane wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoadeɛ a ɛte hɔ daa ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anigyedeɛ. 16Wobɛnom amanaman nufosuo no na woanum adehyeɛ nufoɔ. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa, wo gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ no. 17Mede sikakɔkɔɔ bɛsi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dadeɛ anan mu. Mede kɔbere bɛsi dua anan mu abrɛ wo, na dadeɛ asi aboɔ anan mu. Mede asomdwoeɛ bɛyɛ wo so amrado na tenenee ayɛ wo sodifoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.