Native Bible

Isaiah 59:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma.

Isaiah 59:17 in English

Isaiah 59:17 · Berean Standard Bible

He put on righteousness like a breastplate, and the helmet of salvation on His head; He put on garments of vengeance and wrapped Himself in a cloak of zeal.

Context

15Nokorɛ nni baabiara, obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ. Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani sɛ atɛntenenee nni hɔ. 16Ohunuu sɛ obiara nni hɔ. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no, na ne tenenee wowaa no. 17Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma. 18Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so atua so ka. Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ. Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua; nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn. 19Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam. Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn, Awurade ahomeguo de no bɛba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.