Yesaia 59:15
Isaiah 59:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nokorɛ nni baabiara, obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ. Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani sɛ atɛntenenee nni hɔ.
Isaiah 59:15 in English
Isaiah 59:15 · Berean Standard Bible
Truth is missing, and whoever turns from evil becomes prey. The LORD looked and was displeased * that there was no justice.
Context
13atuateɛ ne afatwa a ɛtia Awurade,
yɛn akyi a yɛdane kyerɛ yɛn Onyankopɔn,
nhyɛsoɔ ne atuateɛ a yɛfoa soɔ,
atorɔsɛm a ɛfiri akoma mu a yɛka. 14Enti wɔapam atɛntenenee kɔ nʼakyi,
na adetenenee akɔgyina baabi;
nokorɛ ahwe ase wɔ mmɔntene so.
Nokorɛdie ntumi mma mu. 15Nokorɛ nni baabiara,
obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ.
Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani
sɛ atɛntenenee nni hɔ. 16Ohunuu sɛ obiara nni hɔ.
Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata;
enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no,
na ne tenenee wowaa no. 17Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ,
ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so.
Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ
na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.