Native Bible

Isaiah 59:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so atua so ka. Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ. Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua; nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.

Isaiah 59:18 in English

Isaiah 59:18 · Berean Standard Bible

So He will repay according to their deeds: fury to His enemies, retribution to His foes, and recompense to the islands.*

Context

16Ohunuu sɛ obiara nni hɔ. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no, na ne tenenee wowaa no. 17Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma. 18Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so atua so ka. Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ. Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua; nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn. 19Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam. Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn, Awurade ahomeguo de no bɛba. 20“Ɔgyefoɔ no bɛba Sion, na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,” sei na Awurade seɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.