Yesaia 59:19
Isaiah 59:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam. Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn, Awurade ahomeguo de no bɛba.
Isaiah 59:19 in English
Isaiah 59:19 · Berean Standard Bible
So shall they fear the name of the LORD where the sun sets, and His glory where it rises. For He will come like a raging flood, driven by the breath of the LORD.*
Context
17Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ,
ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so.
Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ
na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma. 18Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so
atua so ka.
Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ.
Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua;
nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn. 19Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din
na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam.
Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn,
Awurade ahomeguo de no bɛba. 20“Ɔgyefoɔ no bɛba Sion,
na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,”
sei na Awurade seɛ. 21“Medeɛ yei yɛ me ne wɔn apam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem,” sei na Awurade seɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.